🗓️ NNA PƆTEE A ƆMAN NO NYINAA BƐTO ABA NO

  • Twerɛ wo din na to aba wɔ Ahinime da a ɛtɔ so 23.

  • Bisa mail so abatoɔ ho nhyehyɛeɛ Ahinime da a ɛtɔ so 31. Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ nhyehyɛeɛ no Ahinime da a ɛtɔ so 20.

  • Fa mail so abatoɔ no bra anwummerɛ 8. Obubuo da a ɛtɔ so 7. Ɛyɛ sɛ wode bɛba Obubuo da 1.

NSƐM MA WƆN A WƆTO ABA WƆ PENNSYLVANIA.

🗳️ Abatoɔ wɔ hɔ BENADA, OBUBUO 7.

Wontwerɛɛ wo din da? Woakɔ baabi foforɔ aberɛ a wotoo aba a etwaa mu no?

Sɛ wontoo aba da a, deɛ ɛdi kan ne sɛ wobɛtwerɛ wo din. Sɛ biribi asesa ɛfiri berɛ a wotoo aba a etwaa mu no - akyirikwan foforɔ, din sesa anaa wopɛ sɛ wosesa amanyɔnkuo a wodi akyire a - ɛsɛ sɛ wosesa wo dintwerɛ no mu. Ɛhia sɛ wotwerɛ wo din no wɔ baabi a woteɛ seesei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wo nsa bɛka abatoɔ krataa a ɛsɛ, ne titiriw no sɛ woayɛ nhyehyɛeɛ sɛ wobɛto aba no afa email so a.

Nna pɔtee a wɔbɛto Mail so aba anaa Obi a ɔntumi mma hɔ mmɛto aba no Krataa 

Sɛ wopɛ sɛ w’ankasa woba bɛtwerɛ wo din anaa wɔ krataa so a, frɛ 1-877-VOTESPA na gye mmoa.



WOWƆ AKWANYA AHODOƆ!

Wobɛtumi atwerɛ wo din ato aba sɛ:

  • Woyɛ United States man ba

  • Woadi mfeɛ 18 anaa deɛ ɛboro saa wɔ ABATOƆ DA no

  • Woyɛ obi a ɔfiri Pennsylvania

☎️ Obiara a mmara ma ho kwan no wɔ akwanya sɛ ɔto aba. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtumi anya berɛ ano nsɛm a ɛfa abatoɔ ho no, anya mmoa fa abatoɔ ho haw, anaa wobɛtumi aka biribi a asi wɔ Abatoɔ Da no, wobɛtumi afrɛ saa nɔma yi a ɛnyɛ amanyɔnkuo biara dea yi mu baako:

  • Brɔfo: 866-YƐN-ABATOƆ (866-687-8683)

    Mmaranimfoɔ Baason Abadwakuo ma Civil Rights a Ɛwɔ Mmara mu

  • Español ne Brɔfo: 888-VE-Y-VOTA (888-839-8682)

    NALEO Nnwomasua Fotoɔ

  • (عربى Arabic ne Brɔfo: 844-YALLA-US (844-925-5287)

    Arab American Institute (AAI)

  • Mandarin, Cantonese, Korean, Vietnamese, Tagalog, Urdu, Hindi, Bengali ne Brɔfo - 888-API-ABATOƆ (888-274-8683)

    APIAVote ne Asian Americans Advancing Justice (AAJC)

  • Amɛreka nsɛnkyerɛnneɛ kasa sini kwan so frɛ:: 301-818-TO ABA (8683)

    Ɔman Nkabomkuo ma Asosifoɔ

📞 Wobɛtumi nso afrɛɔman no abatoɔɔfese no apɛ mmoa, a kwan a wobɛfa so ahu wo kurom anaa ɔman no abatoɔɔfese no ka ho: 1-877-VOTESPA


HUNU AKWANYA A WOWƆ

WORETWERƐ WO DIN ATO ABA

Matwerɛ me din nansa yi ara a mede bɛto aba. Kwan bɛn na mɛfa so ahwɛ sɛ matwerɛ me din ampa?

Ɛdi nna kakra bi na abatoɔ ɔfese no ahwehwɛ wo dintwerɛ no mu agye atom de wo aka ho.

Matwerɛ me din dada, nanso nansa yi ara na meresesa baabi a na mewɔ no. Me din no da so wɔ hɔ a mede bɛto aba?

  • Aane. Nanso, sɛ wopɛ sɛ woto aba bɛne baabi foforɔ a wowɔ no a, anaa wopɛ sɛ woto aba wɔ mail so a, ɛsɛ sɛ wosesa wo dintwerɛ no mu na wode w’akyirikwan foforɔ no ka ho. Wobɛtumi asesa w’akyirikwan no wɔ intanɛte so wɔ PA Department of State.. Sɛ wopɛ sɛ w’ankasa woba bɛtwerɛ wo din anaa krataa so a, frɛ 1-877-VOTESPA na gye mmoa.

  • Wobɛtumi nso akɔ baabi a na woto aba kane no akɔto no wɔ hɔ. Sɛ wotuu nna a ɛnnuru nnafua 30 ansa na abatoɔ no akɔso a, ɛsɛ sɛ wokɔto wɔ baabi a na woto no dada no. Sɛ wotu firii baabi a na ɛnyɛ mantam ha a, ɛsɛ sɛ wotwerɛ wo din na woato aba wɔ Pennsylvania.

Sɛ mewɔ abɔnefosɛm bi bata me din ho a, mɛtumi atwerɛ me din ato aba?

  • Aane, wobɛtumi ato abaseesei wonni abɔnefosɛm no ho asotwe berɛ yi mu a. Wobɛtumi ato aba berɛ a woatu w’afiase da no ahyɛ da anaa woredi dwuma wɔ mpɔtam hɔ, wɔde wo ahyɛ fie anaa woretwa berɛ bi ma bɔne bi a ano nyɛ den.

Wɔwoo me wɔ Puerto Rico. Mɛtumi ato aba wɔ Pennsylvania?

  • Sɛ wɔwoo wo wɔ Puerto Rico a, woyɛ U.S. man ba prɛko pɛ nti wobɛtumi atwerɛ wo din ato aba wɔ Pennsylvania (anaa mantam korɔ a wote mu no). 

Woreto aba anaa woretwerɛ wo din de ato aba berɛ a wonyɛ U.S. man ba no yɛ abɔnefosɛm na ɛbɛtumi asi wo ho kwan sɛ wobɛyɛ ɔman ba.


📨 WORETO ABA AFA MAIL SO

Kwan bɛn na mɛfa so agye mail mu abatoɔ krataa?

Wobɛtumi agye abatoɔ krataa no wɔ akwan 3 so:

  1. Twerɛ kɔ vote.PA.gov ma wɔmma wo mail mu abatoɔ anaa obi a ɔntumi mma hɔ abatoɔ krataa.

  2. Twe krataa so deɛ wɔ vote.PA.gov na hyehyɛ.

  3. Twerɛ kɔ wo mantam no abatoɔ ɔfese hɔ.

Sɛ wɔannye mail mu abatoɔ a merepɛ no anto mu a, ɛdeɛn na menyɛ?

  • Sɛ wonya nkra sɛ wɔannye antom a, frɛ 866-YƐN-ABATOƆ na nya mmoa firi mmaranimni bi hɔ. 

Berɛ bɛn na mɛnya m’abatoɔ no?

  • Mmara mu no, ɛsɛ sɛ mantam no de wo mail abatoɔ no mane wo nnawɔtwe mmienu ansa na abatoɔ no aduru so. Sɛ amma anaa wo yera no, anaa woyɛ mfomsoɔ berɛ a woresensan abatoɔ no a, frɛ wo mantam no abatoɔ ɔfese no na gye foforɔ hyɛ anan.

  • Wobɛtumi ahwɛ anaa adi w’abatoɔ no akyi wɔ www.vote.PA.gov/mailballotstatus

Obi foforɔ bɛtumi de me mail abatoɔ no aba ama me anaa?

Mɛtumi asesa m’adwene sɛ mento aba no mfa mail so wɔ berɛ a madi kan abisa no?

  • Aane. Fa w’abatoɔ no ne ahyɛmdeɛ a ɛka ho no bra beaeɛ a abatoɔ no rekɔ so wɔ Abatoɔ Da no. Wɔn a wɔhwɛ abatoɔ so no bɛtwa mu, na wobɛtumi ato aba wɔ abatoɔ adaka no mu. Sɛ wonni w’abatoɔ krataa no a, ɛnneɛ wobɛto wɔ provisional deɛ no bi so.

Sɛ meto m’aba fa mail so a, wɔbɛkan aka ho ampa?

  • Woreto aba afa mail so no, bammɔ wɔ ho. Wɔayɛ nhyehyɛeɛ pii wɔ hɔ a ɛbɛsi sɛ wɔnkan w’aba no ano. Sɛ wosusu sɛ ayera wɔ mail no mu, anaa woyera no wɔ efie a, wobɛtumi afrɛ wo mantam no abatoɔ ɔfese no abisa foforɔ ahyɛ anan. Google wo mantam no abatoɔ ɔfese, anaa frɛ 1-877-VOTESPA ma wɔmfa wo nto so.

Ansa na wɔbɛkan w’aba no, ɛsɛ sɛ:

  • Fa abatoɔ krataa a woato aba wɔ so no hyɛ kokoam ahyɛmdeɛ no mu, deɛ wɔatwerɛ so “Official Election Ballot” no. Kata ahyɛmdeɛ no ano na hwɛ sɛ wonsensan saa ahyɛmdeɛ/ɛnviloopu no so.

  • Fa kokoam ahyɛmdeɛ a woakata ano no hyɛ ahyɛmdeɛ foforɔ a mantam no akyiriakwan gu so no mu.

  • Ɛsɛ SƐ wode wo din ahyɛnsodeɛ ne wo nsa a wode atwerɛ ɛda no agu ahyɛmdeɛ a ɛbɛsane akɔ no so.

  • Sɛ woamfa wo nsa ano ahyɛnsodeɛ ne ɛda no angu ahyɛmdeɛ no akyi a, WƆNKAN w’aba no.


W’ANKASA WOREKƆTO ABA NO

Ɛhe na menkɔto aba no?

  • Wobɛtumi ahunu baabi a wobɛto aba no wɔ www.vote.PA.gov, sɛ wobɛfrɛ 866-YƐN-ABATOƆ anaa sɛ wobɛfrɛ wo mantam no abatoɔ ɔfese.

Sɛ m’ankasa merebɛto aba no a, mehia ID a mfonin wɔ so?

  • Daabi. Wɔn a wɔreto aba a ɛdi kan wɔ baabi a wɔto aba no na wɔhia sɛ wɔde ID kyerɛ. Wobɛtumi de ID a mfonin wɔ so, a adwuma anaa osuani ID ka ho sɛ wowɔ bi a. Wobɛtumi nso de ID a mfonin nni so bi te sɛ kanea anaa nsuo ho ka krataa anaa wo sikakorabea nsɛm a w’adrɛse wɔ so. Sɛ woato aba wɔ saa beaeɛ hɔ pɛn a, ɛnni kwan sɛ wɔbisa wo ID.

Na sɛ wɔka kyerɛ me sɛ me din nni wɔn nkrataa no mu ɛ?

  • Ɛdi kan no, ka kyerɛ onipa a ɔrehwɛ abatoɔ no so no sɛ ɔnsane nhwehwɛ mu bio anaa ɔnhwɛ ntosoɔ abatoɔ nwoma no mu (krataa a ɛkyerɛ nsesaeɛ a wɔayɛ no nansa yi wɔ abatoɔ krataa mu no). Bobɔ atwerɛdeɛ a ɛwɔ wo din mu no ma wɔn. Sɛ wogye di sɛ wowɔ baabi a woto aba no nanso wo din nni abatoɔ nwoma no mu a, bisa na wɔmma wo ‘provisional’ abatoɔ krataa no bi, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔma wo bi. Yɛpa wo kyɛw ka wo suahunu no ho asɛm kyerɛ 866-YƐN-ABATOƆ

Ɛdeɛn ne ‘provisional’ abatoɔ krataa?

  • Wɔde ‘provisional’ abatoɔ krataa no twerɛ w’aba a woato no sɛ ɛkɔba sɛ nsɛmmisa bi wɔ wo ho anaa wobisaa mail so abatoɔ a. Sɛ abatoɔ mpanimfoɔ no hunu sɛ na wowɔ ho kwan sɛ woto aba no a, wɔbɛkan. 

Wɔbɛtumi asɔre atia me tumi a mede to aba wɔ baabi a abatoɔ no rekɔ so no?

  • Aane, nanso ɛbɛgyina biribi ne nnipa bi so? Obi a ɔrehwɛ abatoɔ so, wɔn a wɔhwɛ sɛdeɛ abatoɔ no rekɔ, anaa obi foforɔ a ɔrebɛto aba no bɛtumi asɔre atia obi foforɔ abatoɔ tumi sɛ wɔdwene sɛ onipa no nte mpɔtam hɔ anaa ɔnyɛ onipa a ɔse ɔyɛ no a.


Ntwefiriho

Saa nwoma yi a ɛrekyerɛ sɛdeɛ wɔto aba wɔ Pennsylvania no nyɛ mmara ho afotuo. Sɛ wowɔ nsɛmmisa fa tumi a wowɔ sɛ wotumi to aba anaa wo tumi ho a, yɛpa wo kyɛw frɛ 866-YƐN-ABATOƆ anaa kɔhu mmaranimni.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, kɔ www.vote.PA.gov.